Nnwom 97

Onyankopɔn, Ɔhene Kɛse

1Awurade yɛ ɔhene! Asase, ma w’ani nnye! Nsupɔw a ɛwɔ po mu nyinaa, monsɛpɛw mo ho!

2Omununkum ne esum atwa ne ho ahyia; odi hene atɛntrenee ne nokware mu. 3Ogya di n’anim a ɛrehyew n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia no. 4N’anyinam hyerɛn wiase nyinaa; asase hu ma ne ho popo. 5Mmepɔw nan te sɛ nku wɔ Awurade anim, Awurade a asase nyinaa yɛ ne de anim. 6Ɔsorofo da ne trenee adi, na aman nyinaa hu n’anuonyam.

7Wogu obiara a ɔsom ahoni no anim ase; anyame nyinaa kotow Awurade anim. 8Nnipa a wɔwɔ Sion ani agye, na Yuda nkurow nso ho sɛpɛw wɔn ma w’atɛn a worebebu no, O Awurade. 9Awurade Tumfoɔ, wo na wudi asase nyinaa so; woso sen anyame nyinaa mpɛn bebree.

10Awurade dɔ wɔn a wokyi bɔne; ɔbɔ ne nkurɔfo nkwa ho ban. Ogye wɔn fi amumɔyɛfo tumi ase. 11Hann hyerɛn atreneefo so, na anigye ba wɔn a wɔyɛ papa so. 12Mo atreneefo nyinaa mo ani nnye wɔ nea Awurade ayɛ ama mo no nti! Monkae nea Onyankopɔn kronkron no ayɛ, na monna no ase.