Nnwom 132

Ahobrɛase mu ahotoso mpaebɔ

1Awurade, mma wo werɛ mfi Dawid ne ɔhaw ahorow a otumi gyinaa ano no. 2Awurade, kae bɔ a ɔhyɛɛ wo no; ɛbɔ a ɔhyɛɛ wo, Yakob Nyankopɔn Tumfoɔ no. 3Merenkɔ fie, na merenkɔda; 4merenhome, na merenna 5gye sɛ, mapɛ baabi ama Awurade, Yakob Nyankopɔn Tumfoɔ no.

6Yɛtee Apam Adaka no ho asɛm wɔ Betlehem, na yehui wɔ Efrata kwaem. 7Yɛkae se, “Momma yɛnkɔ Awurade fi; momma yɛnsom wɔ n’ahengua no anim.” 8Awurade, fa Apam Adaka a ɛyɛ wo tumi ho nsɛnkyerɛnne no bra wo fi ha, na tena ha daa nyinaa.

9W’asefo nyinaa nyɛ nea ɛho tew; ma wo nkurɔfo nyinaa nteɛm anigye so.

10Wohyɛɛ wo somfo Dawid bɔ. Mpa wo hene a woayi no no, Awurade. 11Wohyɛɛ wo somfo Dawid bɔ; ɛbɔ a worennan ani se, “Mɛyɛ wo mma no mu baako ɔhene, na w’akyi no, ɔno na obedi ade. 12Sɛ wo mma di m’apam no nokware na wodi ahyɛde a mede ma wɔn no so a, wɔn mma nso bedi w’ade sɛ ahene daa nyinaa.”

13Awurade ayi Sion sɛ ɔpɛ sɛ ɔde hɔ yɛ ne fi. 14“Ɛha na mɛtena daa nyinaa; ɛha na mepɛ sɛ midi hene. 15Biribiara a ɛho hia Sion no, mede bɛma no. Mɛma n’ahiafo aduan. 16Mehyira n’asɔfo nea wɔyɛ biara mu, na nkurɔfo bɛto ahosan dwom. 17Ɛha na mɛyɛ Dawid aseni baako Ɔhene kɛse; ɛha na m’ani beku me hene a meyi no no ahenni ho. 18Mede aniwu bɛkata n’atamfo ho nanso n’ahemman de, ɛbɛkɔ so frɔmfrɔm.”