Nnwom 110

Awurade ne ne hene a wayi no no

1Awurade ka kyerɛɛ me wura, ɔhene, no se, “Tena me nifa so kosi sɛ mede w’atamfo bɛhyɛ wo nan ase.”

2Awurade bɛtrɛw w’adehye tumi mu afi Sion. Ɔka se, “Di w’atamfo so hene.” 3Na da a wobɛko atia w’atamfo no, wo nkurɔfo de wɔn ho bɛbɔ afɔre ako bi ama wo. Wo mmerante bɛba wo nkyɛn wɔ bepɔw kronkron no so sɛ anɔpa bɔw. 4Awurade hyɛɛ bɔ a ɔremmu so se, “Melkisedek akyi no, mo na mobɛyɛ asɔfo daa nyinaa.” 5Awurade wɔ wo nifa so; sɛ ne bo fuw a, obedi ahene so nkonim. 6Obebu aman atɛn na ɔde afunu bɛpete akono hɔ; obedi ahene a wɔwɔ asase so nyinaa so nkonim. 7Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsu, na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdi mu.