Kamfo Onyankopɔn1Awurade asomfo nyinaa, mommra mmɛkamfo no, mo a mosom wɔ ne fi anadwo no nyinaa. 2Momma mo nsa so wɔ fie hɔ na monkamfo Awurade! 3Awurade a ɔbɔɔ soro ne asase no nhyira wo mfi Sion!