Mpae a wɔbɔ tia Israel atamfo
1Israel, ka efi wo mmofraase, taa a w’atamfo ataa wo, nanso wɔantumi anni wo so kyerɛ yɛn. 2“Efi me mmofraase, m’atamfo ataa me atirimɔden so, nanso wɔantumi anni me so.
3“Wotwaa kam kɛse te sɛ asase a wɔafuntum wɔ m’akyi. 4Nanso Awurade, ɔtreneeni no, agye me afi nkoasom mu.”
5Obiara a ɔtan Sion no, wobedi ne so na wɔapam no asan n’akyi. 6Ma wɔn nyinaa nyɛ sɛ sare a enyin wɔ adan atifi ma ewu no; 7Obiara mmoaboa ano, na obiara nsoa no afiafi nkɔ. 8Obiara a obetwam wɔ hɔ no renka se, “Awurade nhyira mo! Yehyira mo wɔ Awurade din mu.”