Nnwom 120

Mmoa mpaebɔ

1Bere a mewɔ ɔhaw mu no, mefrɛɛ Awurade, na ogyee me so.

2Awurade, gye me fi atorofo ne nnaadaafo nsam. 3Mo atorofo, munim nea Onyankopɔn bɛyɛ mo? Munim asotwe a ɔbɛtwe mo? 4Ɔde asraafo agyan a ano yɛ hwirenhwiren ne gyabiriw a adɔ kɔɔ!

5Mo mu tena yɛ tan sɛ Mesek ne Kedar tena. 6Me ne wɔn a wokyi asomdwoe atena akyɛ! 7Meka asomdwoe ho asɛm a, wɔpere ɔko.