Osetie ho akatua
1Nhyira nka wɔn a wotie Awurade na wodi n’ahyɛde so.
2W’adwuma na ɛbɛma wo nea ehia wo; wo ho bɛtɔ wo, na woadi yiye. 3Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛwɔ wo fi na ɛsow bebree; na wo mma nso ayɛ sɛ dua a atwa wo pon ho ahyia.
4Saa na wobehyira onipa a odi Awurade asɛm so no.
5Awurade nhyira wo mfi Sion! Wubehu Yerusalem nkɔso wo nkwa nna mu! 6Wobɛtena ase ahu wo nenanom! Asomdwoe nka Israel.