Nnwom 67

Aseda dwom

1Onyankopɔn, hu yɛn mmɔbɔ na hyira yɛn. Fa w’adɔe hwɛ yɛn, 2na ama wiase nyinaa ahu wo pɛ; na ama aman nyinaa ahu wo pɛ; na ama aman nyinaa ahu wo nkwagye. 3Ma adasamma nkamfo wo, O Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo! 4Ma aman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛw nnwom efisɛ, wubuu nnipa atɛntrenee na wokyerɛɛ aman a ɛwɔ asase so kwan. 5Ma adasamma nkamfo wo, O, Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo! 6Asase no abɔ n’aduan; Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn ahyira yɛn. 7Onyankopɔn ahyira yɛn. Nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa nhyɛ no anuonyam.