Osufrɛ
1Gye me nkwa, O Onyankopɔn! Nsu no deda me kɔn mu. 2Meremem wɔ atɛkyɛ mu, na asase a ɛso wo nni baabi. Madu subunu mu na asorɔkye no pɛ sɛ ɛfa me. 3Mafrɛ mabrɛ. Me menem ayow. M’ani yɛ me yaw efisɛ, magyen no ara repɛ wo mmoa. 4Wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso sen me tiri so nhwi. M’atamfo twa atoro to me so; wɔyɛ den na wɔrepɛ akum me. Wɔma medan nneɛma a manwia mema.
5O Onyankopɔn, me bɔne so nkata wɔ w’anim. Wunim kwasea a mayɛ. 6Mma mennsoa aniwu mmmrɛ wɔn a wɔde wɔn ho to wo so. Otumfoɔ Awurade no so! Mma memmfa aniwu mmɛto wɔn a wɔsom wo so, O lsrael Nyankopɔn! 7Wo nti na wɔkasa tia me, nti aniwu akata me so. 8Mete sɛ ɔhɔho wɔ me nuanom mu. Mete sɛ ɔmanfrani wɔ m’abusua mu. 9Me ho a mede ama wo fi no hyehye me mu te sɛ ogya. Kasatia a wɔkasa tia wo no ka me. 10Menam akɔnkyen so brɛ me ho ase, na nnipa kasa tia me. 11Mifura ayiasetam, na wɔserew me. 12Wɔka me ho nsɛm wɔ mmorɔn so; akɔwensafo de me too nnwom. 13Nanso me de, mɛbɔ wo mpae, Awurade; gye me so, Onyankopɔn, wɔ bere a wopɛ mu. Wo dɔ kɛse nti, gye me so efisɛ, woahyɛ bɔ sɛ wubegye me nkwa. 14Mma memmmem wɔ atɛkyɛ mu. Gye me fi m’atamfo nsam, na gye me fi nsu a emu dɔ mu.
15Mma nsu nnyiri mmfa me. Mma memmmem wɔ bunu anaa damoa mu. 16Gye me so, Awurade, wɔ wo dɔ pa a wode dɔ me daa no mu. W’ahummɔbɔ mu, dan w’ani hwɛ me! 17Mfa wo ho nhintaw wo somfo; mewɔ ɔhaw mu na gye me so mprempren! 18Bra me nkyɛn na begye me. Gye me fi m’atamfo nsam. 19Wunim sɛnea wɔkasa tia me ne sɛnea wogu m’anim ase sɛe m’anuonyam. Wuhu m’atamfo nyinaa.
20Kasatia hyɛ me koma so ama m’anidaso asa. Na minim sɛ obi bɛma me due, nanso mannya obi. Mepɛɛ awerɛkyekye nanso mannya bi. 21Ɔkɔm dee me no, wɔmaa me awuduru. Osukɔm dee me no, wɔmaa me nsanyinyanyinya. 22Wɔn apontow mfa wɔn nkɔ ɔsɛe mu. Ma wɔn adidi a wɔatew ho no mmɔ wɔn fam. 23Ma wɔn ani mfurafura. Na ma wɔn akyi nyɛ mmerɛw. 24Fa w’abufuw kɔ wɔn so, na ma w’abufuw mmene wɔn. 25Ma wɔn atenae nyɛ amamfo. Mma obiara ntena nkwa mu wɔ wɔn ntamadan mu. 26Wɔtaa wɔn a woatwe wɔn aso. Wɔka wɔn a woapira wɔn no amanehunu ho asɛm. 27Kyerɛw wɔn bɔne a wɔayɛ gu hɔ. Mma wɔnnkɔka wo nkwagyedwuma no ho. 28Popa wɔn din fi ateasefo nhoma no mu. Mfa wɔn din nka wo nkurɔfo de ho.
29Nanso mewɔ yaw mu, na m’anidaso asa. Ma me so, O Onyankopɔn, na gye me nkwa! 30Mɛto dwom akamfo Onyankopɔn; mɛda no ase de ada ne kɛseyɛ adi. 31Eyi bɛsɔ Awurade ani yiye sen nantwi afɔrebɔ; ɛsen nantwinini a wanyin afɔrebɔ. 32Sɛ mmɔborɔni hu eyi a, n’ani begye. Na wɔn a wɔsom Onyankopɔn benya nkuranhyɛ. 33Awurade tie wɔn a ade ahia wɔn, na ne werɛ mfi ne nkurɔfo a wɔyɛ nneduafo.
34Monkamfo Onyankopɔn, O ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa. 35Obegye Yerusalem, na wasan akyekye Yuda nkurow. Ne nkurɔfo bɛtena hɔ na wɔafa asase no. 36N’asomfo asefo na wɔbɛfa hɔ, na wɔn a wɔpɛ n’asɛm no atena hɔ.