Nnwom 124

Onyankopɔn bɔ ne nkurɔfo ho ban

1Sɛ Awurade nni yɛn afa a, anka yɛbɛyɛ dɛn? Bua, O Israel! 2“Sɛ Awurade nni yɛn afa na yɛn atamfo baa yɛn so no a, 3anka wɔn abufuhyew a etia yɛn no, wɔbɛmene yɛn anikann; 4na anka nsuyiri no bɛtwe yɛn akɔ na nsu no akata yɛn so 5ama ɔhweam a ano yɛ den no afa yɛn.”

6Momma yɛnna Awurade a wamma yɛn atamfo ho kwan amma wɔansɛe yɛn no ase. 7Yɛaguan te sɛ anomaa a wafi ɔbɔmmɔfo afiri mu afi. Afiri no abubu ama yɛanya kwan afi mu.

8Yɛn mmoa fi Awurade a ɔbɔɔ soro ne asase no nkyɛn.