Ɔtreneeni mpaebɔ
1Bu me bem, O Awurade, efisɛ, meyɛ ade trenee na mede me ho to wo so koraa. 2Sɔ me hwɛ, Awurade, na hu m’adwene. 3Wo dɔ a wodɔ me daa no yɛ m’akwankyerɛ; wo nokware no kyerɛ me kwan daa. 4Me ne ahuhufo mmɔ. Me ne nyaatwomfo nni hwee yɛ. 5Me ne nnebɔneyɛfo mmɔ, na mekwae mifi wɔn ho. 6Awurade, mehohoro me nsa ma wuhu sɛ, menyɛ bɔne na meba mu betwa w’afɔremuka ho hyia, som wo. 7Meto aseda nnwom na mepae mu ka w’anwonwade. 8M’ani gye ofi a wote mu no ho, O Awurade, baabi a w’anuonyam te hɔ.
9Nsɛe me mfra nnebɔneyɛfo no. Gye me fi awudifo nsam; 10nnipa a daa wɔyɛ bɔne na daa wɔasiesie wɔn ho ama adanmudegye no.
11Me de, meyɛ ade trenee; hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.
12Amane mu, me ho nka; mekamfo Awurade wɔ ne manfo mu.