Ayeyi dwom
1Mɛpae mu maka wo kɛseyɛ, me Nyankopɔn ne me hene; mɛda wo ase daa nyinaa. 2Da biara, mɛda wo ase; mɛkamfo wo daa nyinaa.
3Awurade yɛ kɛse na ɛsɛ sɛ wɔkamfo no. Ne kɛseyɛ boro adwene so. 4Wɔbɛkamfo nea woayɛ fi nkyirimma so kosi nkyirimma so; wɔbɛka wo nnwuma akɛse no. 5Wɔbɛka w’anuonyam ne wo tumi ho asɛm, na medwen w’anwonwadwuma no ho. 6Nnipa bɛka wo nnwuma akɛse ho asɛm; na mɛda wo kɛseyɛ adi. 7Wɔbɛka wo papayɛ ho asɛm; na wɔato w’ayamye nso ho dwom.
8Awurade yɛ ɔdɔ ne mmɔborɔhunufo; ne bo kyɛ fuw na n’adɔe dɔɔso. 9Oye ma obiara na ɔwɔ ahummɔbɔ ma n’abɔde. 10Awurade, w’abɔde nyinaa bɛkamfo wo; na wo nkurɔfo nyinaa bɛda wo ase. 11Wɔbɛka anuonyam a ɛwɔ w’adehye tumi no ho asɛm na wɔaka wo tumi no ho asɛm nso, 12sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu wo nnwuma akɛse no ne w’ahemman a, anuonyam ne tumi wɔ mu no. 13W’ahenni to rentwa da, na woyɛ ɔhene daa daa. Awurade hyɛ bɔ a, odi so, na biribiara a ɔyɛ, yɛ pɛ.
14Ɔboa wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu. Ɔpagyaw wɔn a wɔahwe ase. 15Ani nyinaa hwɛ wo kwan na woma wɔn aduan wɔ ne bere mu. 16Woma wɔn dodow, na nea ehia obiara no, wode ma no.
17Awurade yɛ trenee wɔ nea ɔyɛ biara mu; ohu mmɔbɔ wɔ ne nneyɛe mu. 18Ɔbɛn wɔn a wɔfrɛ no no, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu no. 19Wɔn a wodii no ni no, ɔma wɔn nea ehia wɔn; otie wɔn sufrɛ gye wɔn. 20Ɔbɔ obiara a ɔdɔ no no ho ban na ɔbɛsɛe amumɔyɛfo.
21Mɛkamfo Awurade daa; ma abɔde nyinaa nkamfo ne din kronkron no daa daa.