Aseda dwom
1Monna Awurade ase efisɛ oye; n’adɔe wɔ hɔ daa. 2Monna nea ɔso sen anyame nyinaa no ase; n’adɔe wɔ hɔ daa. 3Monna awuranom mu tumfoɔ no ase; n’adɔe wɔ hɔ daa. 4ɔno nko ara na ɔyɛ anwonwade; n’adɔe wɔ hɔ daa. 5Ne nyansa mu na ɔbɔɔ ɔsoro; n’adɔe wɔ hɔ daa. 6Ɔbɔɔ asase wɔ nsu a emu ware so; n’adɔe wɔ hɔ daa. 7Ɔbɔɔ owia ne ɔsram, n’adɔe wɔ hɔ daa. 8Owia sɛ ɔnhyɛ adekyee so; n’adɔe wɔ hɔ daa; 9na ɔsram ne nsoromma nhyɛ anadwo so; n’adɔe wɔ hɔ daa. 10Okum Misraimfo mmakan; n’adɔe wɔ hɔ daa. 11Odii Israelfo anim fii Misraim; n’adɔe wɔ hɔ daa. 12Ɔnam ne nsa a ɛyɛ den ne ne basa a tumi wɔ mu no so; n’adɔe wɔ hɔ daa. 13Ɔpaee ɛpo Kɔkɔɔ no mu; n’adɔe wɔ hɔ daa. 14Odii ne nkurɔfo anim ma wɔfaa mu; n’adɔe wɔ hɔ daa. 15Nanso ɔmaa nsu no faa Misraimhene ne n’asraafo; n’adɔe wɔ hɔ daa.
16Odii ne nkurɔfo anim wɔ sare no so; n’adɔe wɔ hɔ daa. 17Okum ahene atumfoɔ; n’adɔe wɔ hɔ daa. 18Okum ahene a wɔagye din; n’adɔe wɔ hɔ daa. 19Amorihene, Sihon; n’adɔe wɔ hɔ daa; 20ne Basanhene, Og; n’adɔe wɔ hɔ daa. 21Ɔde wɔn nsase maa ne nkurɔfo; n’adɔe wɔ hɔ daa. 22Ɔde maa Israel ne somfo; n’adɔe wɔ hɔ daa.
23Wodii yɛn so nkonim no, ne werɛ amfi yɛn; n’adɔe wɔ hɔ daa. 24Ogyee yɛn fii yɛn atamfo nsam; n’adɔe wɔ hɔ daa.
25Ɔma ɔteasefo biara aduan; n’adɔe wɔ hɔ daa. 26Monna ɔsorosoro Nyankopɔn no ase; n’adɔe wɔ hɔ daa.