Nnwom 38

Ɔmanehunufo mpaebɔ

1O Awurade, ntwe m’aso wɔ w’abufuw mu! 2Wode w’agyan apira me. Woabɔ me ahwe fam. 3W’abufuw no nti mewɔ yaw a ano yɛ den mu. Me bɔne nti, ɔyare adidi me honam nyinaa. 4Me bɔne reyiri fa me; ɛyɛ adesoa a emu yɛ me duru. 5Esiane sɛ magyimi nti, m’akuru bɔn na ɛreporɔw. 6Makotow ma wɔabubu me. Mitwa agyaadwo daa nyinaa. 7Atiridii rekum me. Mereyɛ awu. 8Mabrɛ a mapɛkyɛw koraa. Me koma redi yaw na yaw ama merepene.

9O Awurade, wunim nea me kɔn dɔ. Wote m’apinisi nyinaa. 10Me koma repere. M’ahoɔden asa na m’aniwa adum.

11Me nnamfo ne m’afipamfo remmɛn me; m’akuru nti, m’abusuafo mpo twe wɔn ho fi me ho.

12Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no, sum me firi na wɔn a wɔpɛ sɛ wopira me no, hunahuna me; wonnyae sɛ wɔpɛ me bɔne da.

13Mete sɛ ɔsotifo; mente asɛm. Mete sɛ mumu; mintumi nkasa. 14Mete sɛ obi a ɔmma mmuae efisɛ, mente asɛm. 15Nanso mede me ho to wo so, O Awurade; na wo, O Awurade me Nyankopɔn, wubebua me. 16Mma m’atamfo ani nnye m’amanehunu ho. Mma wɔmmfa m’asehwe nhoahoa wɔn ho.

17Mereyɛ ahwe ase enti mewɔ yaw mu daa. 18Meka me bɔne. Ɛma me werɛ how. 19M’atamfo wɔ apɔwmuden ne ahoɔden. Bebree wɔ hɔ a wɔtan me kwa. 20Wɔn a wɔde bɔne tua papa ka no tia me efisɛ, mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ papa.

21Nnyaw me, O Awurade. Nkɔ akyiri, O me Nyankopɔn! 22Boa me mprempren, Awurade, m’agyenkwa.