Ogye mpaebɔ
1Gye me wo tumi mu, O Onyankopɔn; ma menne me ho, wo tumi mu! 2Tie me mpaebɔ, O Onyankopɔn; tie me nsɛm! 3Ahantanfo reba me so. Atirimɔdenfo pɛ sɛ wokum me; wɔn a wonsuro Onyankopɔn.
4Nanso Onyankopɔn ne me boafo. Awurade ne me hwɛfo. 5Awurade nnyina m’atamfo bɔne so ntwe wɔn aso. Ɔbɛsɛe wɔn efisɛ, ɔyɛ ɔnokwafo. 6Mede anigye bɛbɔ wo afɔre, O Awurade; mɛda wo ase efisɛ, wuye.
7Woagye me afi me haw nyinaa mu, na mahu sɛ woadi m’atamfo so.