Awurade, yɛn hwɛfo
1Mɛma m’ani so makyerɛ mmepɔw no, ɛhe na me mmoa fi bɛba? 2Me mmoa fi Awurade, ɔsoro ne asase yɛfo no. 3Ɔremma wo nan nwatiri. Nea ɔhwɛ wo no, rentɔ nko. 4Nea ɔhwɛ Israel no, rentɔ nko na ɔrenna.
5Awurade ne wo hwɛfo; ɔwɔ wo nkyɛn bɔ wo ho ban. 6Owia renhye wo awia, na ɔsram nso renhyerɛn wo so anadwo. 7Awurade bɛbɔ wo ho ban afi bɔne nyinaa ho. Ɔbɛhwɛ wo so. 8Awurade bɛhwɛ w’adifi ne wo fie ba so afi mprenpren de akosi daa.