Nnwom 23

Awurade, yɛn Guanhwɛfo

1Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me. 2Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea. Ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho. 3Odwudwo me kra. Ɔde me fa akwantrenee so, ne din nti.

4Sɛ menam owu sum kabii mu mpo a, minsuro, Awurade, efisɛ, wo ne me na ɛwɔ hɔ. W’abaa ne wo poma na ɛkyerɛ me kwan.

5Wotow me pon m’atamfo anim. Wode ngo fɔw me tirim. Me kuruwa yɛ ma bu so.

6Yiye ne adɔe nko na ebedi m’akyi me nkwa nna nyinaa; na mɛtena Awurade fi daa.